Psalms 42

Nkyɛm a ɛto so abien

Nnwom 42–72

Onipa a wɔatwa no asu mpaebɔ

1Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsu no, saa ara na mepere hwehwɛ wo,
O Onyankopɔn.
2Wo ho sukɔm de me.
Onyankopɔn teasefo, bere bɛn na metumi akɔ akɔsom wo wɔ wʼanim?
3Misu awia ne anadwo na nusu nko ne mʼaduan.
Bere nyinaa mʼatamfo bisa me se, “Wo Nyankopɔn wɔ he?”
4Sɛ mekae mmere bi a atwam no a, ɛhye me koma mu; bere a me ne nnipakuw kɔɔ Onyankopɔn fi na midii wɔn anim bere a yɛnam na wɔde anigye ne ahosɛpɛw to dwom yi Onyankopɔn ayɛ no.
5Adɛn na me werɛ ahow?
Adɛn na nsɛm rehaw me?
Mede mʼani bɛto Onyankopɔn so, na bio, mɛkamfo no, mʼagyenkwa ne me Nyankopɔn.
6O, me Nyankopɔn, awerɛhow ahyɛ me kra so, enti mefi Yordan asase so,
Hermon Bepɔw ne Misar Bepɔw so akae wo.
7Wʼasorɔkye abu afa me so, na awerɛhow ahyɛ me so sɛ nsuyiri, sɛ nsuworo a egyigye.
8 Awurade nkyerɛ ne daa dɔ no nnɛ sɛnea ɛbɛma mato dwom anadwo abɔ me kra ho mpae akyerɛ Onyankopɔn.
9Mibisa wo,
Awurade, me gyefo se, “Adɛn nti na wo werɛ afi me?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so hu amane wɔ mʼatamfo atirimmɔden mu?”
10Wɔn kasatia abubu me; sɛ wɔkɔ so bisa me se, “Wo Nyankopɔn no wɔ he?” no.
11Adɛn nti na me werɛ ahow saa?
Adɛn nti na me ho yeraw me?
Mede me ho bɛto Onyankopɔn so, na bio, mɛkamfo no, mʼagyenkwa ne me Nyankopɔn.
Copyright information for TwiNAK